Acts 7

Stefano yi ne ho ano

1Ɔsɔfo panyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware anaa?”

2Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no, 3ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’ 4Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham nʼagya wu akyi no, Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so. 5Onyankopɔn amfa asase no fa babiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa de. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na onni mma. 6Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahanan. 7Na mɛtwe nnipa a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’

8“Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumiem no twetia.

9“Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti, 10oyii no fii ne haw nyinaa mu. Bere a Yosef bepuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛase ne nyansa. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ sohwɛfo.

11“Saa bere no mu, ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kana asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni. 12Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan. 13Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao huu Yosef abusuafo. 14Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔsɔn anum. 15Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui. 16Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no mu.

17“Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw. 18Akyiri yi, ɔhene bi a na onnim Yosef bedii ade. 19Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu.

20“Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okita Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa, 21na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. 22Wɔtetew no Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu.

23“Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. 24Oduu hɔ no, ohui sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no maa Mose kum Misraimni no. 25Mose susuwii sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam no so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase.

26“Ade kyee no, ohui sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’

27“Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne ɔtemmufo? 28Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnera wukum Misraimni no anaa?’

29“Bere a Mose tee saa asɛm yi no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu.

30“Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo bi nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. 31Nea Mose hui no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ hwɛɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, 32‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ.

33“Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wɔ mpaboa, efisɛ, faako a wugyinae no yɛ asase kronkron. 34Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a woresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’ 35Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne ɔtemmufo no?’ Ɔno na Onyakonpɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. 36Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no.

37“Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, ‘Sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛsoma odiyifo bi a ofi mo mu aba mo nkyɛn.’ 38Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiam wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no, na na saa bere no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wom no de brɛɛ yɛn.

39“Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛe se wɔsan kɔ Misraim asase so bio. 40Enti wɔka kyerɛɛ Aaron, se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ, yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ 41Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ.

42“Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu sɛ, ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode mfe aduanan kum mmoa de bɔɔ afɔre maa me wɔ sare so hɔ. 43Mode mo ho nyinaa ato Molok nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa nti, mɛpam mo makogu Babilonia akyi.’

44“Saa bere no na Ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. 45Akyiri yi yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de Ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so.

46“Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. 47Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn. 48Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu sɛnea odiyifo no ka se, 49‘Ɔsoro yɛ mʼahengua, Awurade na ose. Na asase yɛ me nan ntiaso. Ɔdan bɛn na wubesi ama me? Na mʼahomegyebea wɔ he? 50Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyina?’

51“Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan. 52Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no akum no. 53Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no nanso moanni so.”

Wosiw Stefano abo

54Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye. 55Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ soro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so. 56Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”

57Wɔteɛteɛɛm de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so, 58twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.

59Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” 60Afei obuu nkotodwe teɛɛm dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne firi wɔn!” Ɔkaa saa wiei no, owui.

Copyright information for TwiNAK